1 Samuel 30

Dawid Tɔre Amalekfo Ase

1Nnansa so, Dawid ne ne mmarima koduu Siklag. Na Amalekfo abɛtow ahyɛ Negeb so ahyew Siklag pasaa, 2akyekyeree mmea ne mmofra ne mpanyin a wɔwɔ mu nyinaa. Wɔankum wɔn mu biara, mmom, wɔsoaa wɔn de wɔn kɔe.

3Bere a Dawid ne ne mmarima no huu sɛnea Siklag asɛe ne asɛm a ato wɔn abusuafo no, 4wotwaa agyaadwo ara kosii sɛ afei na wontumi ntwa agyaadwo no bio. 5Dawid yerenom baanu a wɔne Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail a na ɔyɛ Nabal yere no ka wɔn a wɔsoaa wɔn kɔe no ho. 6Dawid ho yeraw no yiye, efisɛ na mmarima no adwene ho sɛ wobesiw no abo, esiane wɔn mmabarima ne wɔn mmabea a wɔakyekyere wɔn no nti. Nanso Dawid nyaa ahoɔden wɔ Awurade, ne Nyankopɔn mu.

7Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, “Fa asɔfotade no brɛ me.” Na Abiatar de bae. 8Na Dawid bisaa Awurade se, “Mintiw dɔm no ana? Mɛto wɔn ana?”

Awurade buaa no se, “Yiw, tiw wɔn. Na biribiara a wɔafa afi mo nkyɛn no, mo nsa bɛka ne nyinaa.”
9Enti Dawid ne ne mmarima ahansia no sii kwan so. Ankyɛ biara na woduu Besor asuwa no so. 10Nanso mmarima no mu ahannu de, na wɔabrɛbrɛ yiye nti wɔantumi antwa asu no. Ɛno nti, Dawid de asraafo ahannan a wɔaka no toaa so.

11Asraafo no bi huu Misraimni barima bi wɔ wuram hɔ ma wɔde no brɛɛ Dawid. Wɔmaa no brodo sɛ onni ne nsu sɛ ɔnnom. 12Wɔsan maa no borɔdɔma ɔfam sin bi ne bobe aba ɔbɔnta, efisɛ na hwee nkaa nʼano nnansa; awia ne anadwo. Ankyɛ na onyaa ahoɔden.

13Dawid bisaa no se, “Hena nipa ne wo, na wufi he?”

Obuae se, “Meyɛ Misraimni, na Amalekni bi akoa ne me. Nnansa ni na me wura gyaw me hɔ, efisɛ na meyare.
14Yɛkɔtoaa Keretifo
Na Keretifo ne Filistifo bɔ abusua. Akyiri no, wɔdɔm Dawid ɔko mu ( 2 Sam 15.18; 20.7; 1 Ah 1.38 ).
wɔ Negeb a ɛyɛ Yudaman wɔ Kaleb asase so, na yɛhyew Siklag.”

15Dawid bisaa no se, “Enti wubedi mʼanim akɔ wɔn nkyɛn?”

Aberante no buae se, “Sɛ wode Onyankopɔn din bɛka ntam sɛ worenkum me anaa worensan mfa me mma me wura de a, ɛno de, medi wʼanim de wo akɔ.”

16Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfo no atenae. Bere a Dawid ne ne mmarima no duu hɔ no, na Amalekfo no ahwete wɔ sare no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛw resaw, efisɛ na wɔanya asade bebree afi Filistifo nkyɛn ne Yuda asase so. 17Dawid ne ne mmarima to hyɛɛ wɔn so, kunkum wɔn wɔ afoa ano anadwo mu no nyinaa, kosii adekyee no anwummere. Amalekfo no mu biara antumi anguan, gye mmarima ahannan a wɔtenatenaa yoma so guanee no. 18Dawid gyee biribiara a Amalekfo no fae, san gyee ne yerenom baanu no. 19Biribiara anyera; sɛ ɛyɛ akumaa anaa ɔpanyin, abarimaa anaa abeawa anaa biribiara a wɔfae sɛ asade no, Dawid de ne nyinaa san bae. 20Nʼakofo no kaa nguan ne anantwi no de wɔn bae. Na wɔkae se, “Eyinom nyinaa yɛ Dawid asade.”

21Na woduu Besor asuwa no so no, wohuu mmarima ahannu a ɔbrɛ dodow nti, wɔantumi ne wɔn ankɔ no. Dawid kyiaa wɔn anigye so. 22Nanso Dawid mmarima no mu asɛmpɛfo bi kae se, “Wɔne yɛn ankɔ nti, wɔrennya asade no bi. Momfa wɔn yerenom ne wɔn mma mma wɔn, na monka nkyerɛ wɔn se, womfi yɛn ani so nkɔ.”

23Nanso Dawid kae se, “Dabi, anuanom! Monnyɛ nea Awurade de ama yɛn no ho pɛsɛmenkominya. Wakora yɛn so, aboa yɛn ama yɛadi yɛn atamfo so nkonim. 24Mugye di sɛ sɛ moka no saa a, obi betie mo? Sɛ yɛrekyɛ a, momma yɛnkyɛ no pɛ mma wɔn a wɔkɔ ɔsa ne wɔn a wɔhwɛ akode so nyinaa.” 25Efi saa bere no, Dawid yɛɛ eyi mmara, maa Israel nyinaa na wɔda so di so saa ara de besi nnɛ.

26Bere a Dawid duu Siklag no, ɔsoma ma wɔde asade no bi kɔmaa Yuda mpanyimfo a na wɔyɛ ne nnamfonom kae se, “Mo akyɛde a yɛfa fi Awurade atamfo nsam ni.”

27Wɔde akyɛde no kɔmaa wɔn a wɔwɔ Bet-El, Ramot a ɛwɔ anafo fam ne Yatir; 28wɔn a wɔwɔ Aroer, Sifmot, Estemoa 29ne Rakal ne wɔn a wɔwɔ Yerahmeelfo nkurow mu ne Kenifo kurow mu, 30ne wɔn a wɔwɔ Horma, Bor-Asan, Atak, 31Hebron ne mmeaemmeae a Dawid ne ne mmarima kyinkyinii hɔ nyinaa.
Copyright information for TwiAKNA